menu-iconlogo
huatong
huatong
ofori-amponsah-aliya-cover-image

Aliya

Ofori Amponsahhuatong
vijetavijetahuatong
Lyrics
Recordings
Menni obiara ka wo nko ara, my dear ei

Menni obiara ka wo nko ara, Linda (Aliya)

(Ɔhemaa) ɔbaa hemaa ei (Aliya)

Sɛ nea yɛkɔ ahemfie no, sɛ neɛ ɛyɛ a yɛkɔ ahemfie no (Aliya)

Ɔbaa hemaa, menni obiara

Yɛnto (Ɔhemaa) abasakɔnm′ (Aliya) ɛnkyerɛ amansan sɛ

Ɔdɔ, me dɔ ne wo

Wo ara na medɔ woɔ, wo ara na m'akoma da wo so (oh, my dear ei)

Wo ara na medɔ woɔ, wo ara na m′akoma da wo so (Maa, medɔ wo o)

M'akomam' hemaa Aliya, Aliya, wo ara na me ne wo bɛwu (my, my dear ei)

M′akomam′ hemaa, Aliya, Aliya, wo ara na me ne wo bɛwu

Wo ara na medɔ wo ei, wo ara na m'akoma da wo so

Wo ara na medɔ wo ei, wo ara na m′akoma da wo so

Na ɔbaa, na ɔbaa, ah, na ɔbaa, na ɔbaa (ei)

Ɔnim de o, ɔnim de (ɔnim de)

Mese na ɔbaa ahoɔfɛ bɛn nie?

Wei deɛ, ɔyɛ Onyame ama, Nyame ama, mmm

Ɔnim de o, ɔnim de (ɔnim de)

Mese, na ɔbaa ahoɔfɛ bɛn nie?

Wei deɛ, ɔyɛ Onyame ama, Nyame ama

Na mese hwan na ɔbɛnya adefo pa sei a ɔse ɔmpɛ? (Ɔse ɔmpɛ)

Me ne no ara na ɛbɛwu nti mese atamfo, montɛ (atamfo montɛ)

Mmm, mede no asie m'akoma mu

Na ɔno ara na ɔyɛ me hemaa, ao, me hemaa

Mmm, mede no asie m′akoma mu

Na ɔno ara na ɔyɛ me hemaa, ao, me hemaa

Wo ara na medɔ woɔ, wo ara na m'akoma da wo so

Wo ara na medɔ woɔ, wo ara na m′akoma da wo so

M'akomam' hemaa, Aliya, Aliya, wo ara na me ne wo bɛwu

M′akomam′ hemaa, Aliya, Aliya, wo ara na me ne wo bɛwu

Wo ara na medɔ wo ei, wo ara na m'akoma da wo so

Wo ara na medɔ wo ei, wo ara na m′akoma da wo so

Na ɔbaa, na ɔbaa, na ɔbaa, na ɔbaa

Wahyɛ me bɔ o, ɔse ɔne me ara

Wahyɛ me bɔ, wahyɛ me bɔ, ɔse ɔne me ara

Yɛdi ɔdɔ ma no yɛ dɛ, ah, ɔno nko ara ne me lady, hwɛ

Manya ate no ase awie yi, nyɛ adeɛ a, mese mɛkɔ

Yɛdi ɔdɔ ma no yɛ dɛ, ah, ɔno nko ara ne me lady, hwɛ

Manya ate no ase awie yi, nyɛ adeɛ a

Mese, mɛbɔ nkɔntene o, ahwɛ neɛ ɛrekorɔ, mmm

Yɛdi ɔdɔ ma no yɛ dɛ, whoa, ɔno nko ara ne me lady, hwɛ

Manya ate no ase awie yi, nyɛ adeɛ a, mese mɛkɔ

Yɛdi ɔdɔ ma no yɛ dɛ (I tell you, people)

Ɔno nko ara ne me lady, hwɛ

Manya ate no ase awie yi, nyɛ adeɛ a

Mese, mɛbɔ nkɔntene o, ahwɛ neɛ ɛrekorɔ, abotɔyam, mmm

Manhyia ɔno a, na nka mennim o, eh-yeah

Manhyia ɔno a, anhyia ɔno a, na nka mennim o

Pretty girl, your love dey drive me crazy

That's why I can′t stop loving you

Come and sit on my lap, let's chill tonight

Pretty girl, your love dey drive me crazy

That′s why I can't stop loving you

Come and sit on my lap, let's chill

Forever o (forever) forever o (forever)

Forever o (darling, darling, darling)

Forever o (forever)

Wo ara na medɔ woɔ, wo ara na m′akoma da wo so (oh, Aliya)

Wo ara na medɔ woɔ, wo ara na m′akoma da wo so (ao, Aliya)

M'akomam′ hemaa, Aliya, Aliya, wo ara na me ne wo bɛwu (my, my dear ei)

M'akomam′ (oh, Aliya) hemaa, Aliya, Aliya, wo ara na me ne wo bɛwu

Wo ara na medɔ wo ei, wo ara na m'akoma da wo so (oh, Aliya)

Wo ara na medɔ wo ei, wo ara na m′akoma da wo so

Na ɔbaa (oh, oh), na ɔbaa (oh, oh), na ɔbaa (oh, ɔdɔ ei), na ɔbaa (oh-oh-ah)

Wo ara na medɔ woɔ, wo ara na m'akoma da wo so (oh, Aliya)

Wo ara na medɔ woɔ, wo ara na m'akoma da wo so (ao, Aliya)

M′akomam′ hemaa, Aliya, Aliya, wo ara na me ne wo bɛwu (my, my dear ei)

M'akomam′ (oh, Aliya) hemaa, Aliya, Aliya, wo ara na me ne wo bɛwu (ah)

Wo ara na medɔ wo ei, wo ara na m'akoma da wo so (oh, Aliya)

Wo ara na medɔ wo ei, wo ara na m′akoma da wo so

Na ɔbaa (oh, oh), na ɔbaa (oh, oh), na ɔbaa (oh, ɔdɔ ei), na ɔbaa (oh)

Na ɔbaa, na ɔbaa, ah

More From Ofori Amponsah

See alllogo

You May Like