menu-iconlogo
huatong
huatong
ofori-amponsah-hello-hello-cover-image

Hello Hello

Ofori Amponsahhuatong
spiritualcharmhuatong
Letras
Grabaciones
Sugar! Oh, yeah

Aborɔnoma, mese mepɛ wo o, Nyame atworɔ

Madraw wo sɛ mfonyin ato m′akoma mu

Mede ɔdɔ pen ne ink atworɔ wo din kɛseɛ ato aseɛ o

Merekyerɛ wo sɛ, medɔ wo o

Matworɔ wo signature ato aseɛ o

Masan me signature ato wo ho

Masan me signature ato aseɛ

Masan me signature ato wo ho

Ɔdɔ ei, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔdasani biara nhunu mpepa o

Me dɔ ei, oh, i-yo

Ɔhenewaa, deɛ ɔte kɔkɔɔ soɔ se, woda a ma wo bo nnwo

Me dɔ ei, Ɔtekɔkɔɔsoɔ se, ɔdeneho deɛ o, Ɔhenewaa

Hello, hello, mepɛ wo a, ɛyɛ wo nko ara, ɔdɔ (Maa Asantehemaa)

Hello, hello, mepɛ wo a, ɛyɛ wo nko ara, ɔdɔ (Maa Asantehemaa)

Ɛberɛ a mese mete ase yi (ɔdɔ, mete ma wo o)

Sɛ yɛwu kɔ Asamando ɔman a, me dɔ ei

Yɛnsan nkɔtoa so o, ooh-oh, ooh-oh

Yɛnsan nkɔtoa so o, ooh-oh, ooh-oh

Yɛn dɔ no nsaaeɛ o, yɛn dɔ no nsaaeɛ o

Yɛn dɔ no nsaaeɛ o, yɛn dɔ no nsaaeɛ o

Yɛn dɔ no nsaaeɛ o, yɛn dɔ no nsiieɛ o

Sɛ adeɛ kye, na osiane ba, to topaeɛ sɛe adeɛ a

Ohia mu o, amaneɛ mu o, Osuoaboroboɔ, metim nea metim

Mensesa ɔdɔyɛwu da o, ne 'ehum tu me′ a, me ne no ara

Me ntoma yɛ ne ntoma o, nea ɔda nso yɛ me da o

America, Russia, menim paa ara, ntawantawa bɛba

The year 2020, sɛ osum kata wiase a

Mɛko ama ɔdɔyɛwu, mɛsu ama ɔdɔyɛwu

Mebaa wiase bɛdɔɔ no o, Ɔhenewaa

Hello, hello, mepɛ wo a, ɛyɛ wo nko ara, ɔdɔ (Maa Asantehemaa)

Hello, hello, mepɛ wo a, ɛyɛ wo nko ara, ɔdɔ (Maa Asantehemaa)

Ɛberɛ a mese mete ase yi (ɔdɔ, mete ma wo o)

Sɛ yɛwu kɔ Asamando ɔman a, me dɔ ei

Yɛnsan nkɔtoa so o, ooh-oh, ooh-oh

Yɛnsan nkɔtoa so o, ooh-oh, ooh-oh

Yɛn dɔ no nsaaeɛ o, yɛn dɔ no nsaaeɛ o

Yɛn dɔ no nsaaeɛ o, yɛn dɔ no nsaaeɛ o

Yɛn dɔ no nsaaeɛ o, yɛn dɔ no nsiieɛ o

And now, listen, girl

Sɛ osum duru wo a, mɛyɛ wo kanea

Obi kɔprɛ ɔdɔyɛwu a, ne nsa aka m'ani kosua

Mɛsu ama ɔdɔyɛwu, mɛko ama ɔdɔyɛwu

Mɛsu ama ɔdɔyɛwu, mɛko ama ɔdɔyɛwu

In sickness, in health, I will love you, girl

My love, my heart, i will love, girl

My love, my love, Ɔhenewaa

Hello, hello, mepɛ wo a, ɛyɛ wo nko ara, ɔdɔ (Maa Asantehemaa)

Hello, hello, mepɛ wo a, ɛyɛ wo nko ara, ɔdɔ

Ɛberɛ a mese mete ase yi (ɔdɔ, mete ma wo o)

Sɛ yɛwu kɔ Asamando ɔman a, me dɔ ei

Yɛnsan nkɔtoa so o, ooh-oh, ooh-oh

Yɛnsan nkɔtoa so o, ooh-oh, ooh-oh

Yɛn dɔ no nsaaeɛ o, yɛn dɔ no nsaaeɛ o

Yɛn dɔ no nsaaeɛ o, yɛn dɔ no nsaaeɛ o

Yɛn dɔ no nsaaeɛ o, yɛn dɔ no nsiieɛ o

Yɛn dɔ no nsaaeɛ o, yɛn dɔ no nsaaeɛ o

Yɛn dɔ no nsaaeɛ o, yɛn dɔ no nsaaeɛ o

Yɛn dɔ no nsaaeɛ o, yɛn dɔ no nsiieɛ o

Más De Ofori Amponsah

Ver todologo

Te Podría Gustar