menu-iconlogo
huatong
huatong
daddy-lumba-makra-mo-cover-image

Makra Mo

Daddy Lumbahuatong
mphenryhuatong
歌詞
収録
Moahunu me nnɛ yi, momma yɛnyɛ nea yɛbɛyɛ biara

Matumi aba wo nkyɛn na ɛsɛ, ma yɛmfa mmronsa nyɛ nsuo o, oh, ei

Moate me nka nnɛ yi, momfa me nnwom nni mo mu ahurusie saa ara, ah

Na makra mo, ebia na moanhu me biom da

Moahunu me nnɛ yi, mo mma yɛnyɛ nea yɛbɛyɛ biara m′adɔfo yi

Matumi aba wo nkyɛn nnɛ yi na ɛsɛ, ma yɛmfa mmronsa nyɛ nsuo o, oh-i

Moate me nka nnɛ yi, momfa me nnwom nni mo mu ahurusie saa

Nea mowɔ biara, na makramo

Ebia na m'anhunu me biom da

Afe sɛsɛɛ, mobɛdi ahyia no a

Kwadwo eh, ebia na menka ho ao

Ah-ah, ah, me ne mo redi nkra nnɛ ao

Daddy Lumba ei, merekrakra mo o

Yie ei, na ebia na mamma biom ah-eh

Ah, me ne mo redi nkra nnɛ ao

Owuo yɛ dea nka yɛwu ma a

M′adɔfoɔ bi bɛwu abɛgye me

Nso adeɛ no akɔyɛ Ɔbɔadeɛ, Wo nhyehyɛeɛ

Adasamma deɛ yɛnni ho tumi biara

Mekae a na m'ani ataetae nisuo

Nti mede nkorɔfoɔ adepa yi paa rebɛwu akɔ kwa

Me Nyame ei, sɛ nka ɛbɛtumi a na Agya ei

Ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ ao

Ɛnyɛ nea mepɛ, Agya nea wopɛ ara na ɛnyɛ hɔ, Paapa ei

Mese sɛ ɛbɛtumu deɛ a, nka ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ o, ao

Nti mede amafoɔ adepa yi paa ɛrebɛwu akɔ

Ɛ'awerɛho o

Mframa a ɛbɔ a ɛporo ahoeɛ guo no

Saa mframa korɔ no aa, sɛ ɛbɔ den a ahahan mono nso tumi te o, mmm

Wiase yi sɛɛ dua wuyɛ bu o, saa ara na dua mono nso buo

Enti, ah, makrakra mo o ebia na m′ahu me biom

Yɛredi afehyia sei a ɛyɛ a na makae yaanom, ah

Enti nansa nie, momma yɛn nyinaa ngye y′ani bi woate, ah

Mekorɔ a merekɔ a, merekɔ a, merekɔ a, merekɔ nyinaa

Ee na ebia na mamma biom, ah

Merekrakra mo o Kwadwo eh, ei

Owuo akyi deɛ ɛyɛ awerɛhoɔ o, nti na ama merete nisuo yi a

Ɔbaatanpa rebɛwu ama efie gya adum, awerɛhoɔ mu ah

Moba na sɛ mawu da hɔ a, ɛmma monsu mmma me

Monsu mma mo ho ne mo mma

Monsu mma nkyiri mma a mede wɔn agya hɔ no o

Momma me brɛ yi nyɛ kwa

Mo mma me wuo akyi yi nsesa

Anyɛ saa a, me kra bɛdi awerɛhoɔ beberee, yaanom ei

Mede me maame Ama Saah gyaa mo

Ɔne abusuafoɔ yi a, ɛmma mo werɛ nfiri Akosua Serwaa da o, na wabrɛ

Ah, Kwaku Pɔn wo ne me mma nyinaa

Mmm, Faustina Fosu ei, ne Akosua Brempomaa o

Moyɛ no saa a mɛyɛ ɔsaman twɛntwɛn

Mabɛgyina kurotia asu dabiara Charles ei

Merekrakra mo o, ebia na moahu me biom da, ah

Ɛ'awerɛhoɔ o

Hi-hii

Theresa Manu a ɔfiri Sefwi Atobease

Wakra ne Papa afiri abrokyiman mu sɛ ɔmmɛdi kyɛre bi ao, Thess ei

Sɛɛ na ɛyɛ ne nkra a ɛtwa toɔ nie ei

Paapa eh, ′na woanka ankyerɛ me yi

Kwame Manu eh, woama asɛm aha me ao, ah

Wo mma ɛne Naa Manu, ɛne Naa Akua Afriyie

Maame Naa Ama Afrakoma se, Kwame ei na ɔne wodɔ yi nsae o, ah

Nana Akosua Dufie se

Kwame ei, woama no de atu ne ho ho fo sɛ

Wiase yi sɛɛ dua mono nso bu ao, mmm

Nti na ɔfiri nnɛ na ɔrekrakra mo o

Abusuafoɔ ei na ɔrekrakra mo ao, boo-ei

Kwame wuo nti, ebia na moanhu no biom da (Charles ei)

Charles ei, meresu mama mo ao, boo-ei (whoa)

Ah, me ne mo redi nkra nnɛ ao

Yɔnko pa bi sene onua o

Ɔse KB ei, mede m'akyi gya wo ao, sɛ mekɔ a

Ah, me ne mo redi nkra nnɛ ao

Ɔyɔnkopa bi sene onua o

Agya Yaw ei mede m′akyi gya wo o Mampɔnii

Ah, me ne mo redi nkra nnɛ ao

Adomako Nyamekyɛ annwomtofoɔ ei

Atta Adomako ei, mede m'akyi gya wo ao, sɛ mekɔ a

Ah, me ne mo redi nkra nnɛ ao

Senior Atta Domfeh ei

Atta Domfeh ei, merebɔ wo din o, Daddy ɛnnɛ yi se, oh

Ah, me ne mo redi nkra nnɛ ao

Owura Joe Appiah ei

Joe Kissi ei, mede m′akyi gya wo ao, sɛ mekɔ a, ah

Ah, me ne mo redi nkra nnɛ ao

Amaadi Yaw ei, medɔfo yi, mede m'akyi gya wo ao, sɛ mekɔ a, ei

Ah, me ne mo redi nkra nnɛ ao

Daddy Lumbaの他の作品

総て見るlogo