menu-iconlogo
huatong
huatong
daddy-lumbaafua-ampofoa-nsee-me-din-cover-image

Nsee Me Din

Daddy Lumba/Afua Ampofoahuatong
oraminadomavitchhuatong
Şarkı Sözleri
Kayıtlar
Daddy (Daddy, Daddy, Daddy)

Lumba (Lumba, Lumba, Lumba)

Ei!

Sɛ wosene wo yɔnko a, ɔkyiri wo o

Ɛnɛ wahunu me yieyɔ a, kae me brɛ nsoɛ

Na adɛn? Na adɛn? Na adɛn? Na adɛn?

Na wose mayɛ deɛn koraa?

Oh Daddy ei

Shabadaba, shabadaba ye-eyy

Dada ei, dada ei, bu wani gu so o

Sɛ ɛhuruhuru a ɛbɛdwo

Na ɔka a ɔbɛgyae

Ɛntietie ɛndwendwene obi asɛm ho

Mɛnfa nsɛe wakoma koraa

Aw, mama ei

Obi dɔ wo o!

Manya ahunu sɛ

Sɛ meyɛ na sɛ

Ɛbɛhye wo deɛ

Ɛneɛ na

Mɛyɛ akɔsi sɛ mɛte wakoma

Yɛ dɔ a ɛngyae fuo deɛ, sekan ɛdwuma nso nsaaeɛ a

Ah! Ɔbrɛfoɔ Kwadwo

Meyɛ yie a menyɛ mma wo o

Mesrɛ wo sɛ nsɛe medin, nsɛe medin, Lumba ei

(Ah!) Aw Dada ei

Wosu no na mereyɛ o

Mesrɛ wo sɛ nsɛe medin, nsɛe medin

Lumba ei

Mese na ɔbrɛfoɔ Kwadwo mese, mensɛe da o

Nsɛe medin, nsɛe medin, Lumba ei, Lumba ei

(Ah!)

Wosu no na mereyɛ o

Nsɛe medin, nsɛe medin, Lumba ei

Mese na ɔbrɛfoɔ Lumba ei mese, menyɛ da mmrɛ da o, (lie-lie), hu-oh!

Sekan ɛne tuo aduro deɛ

Daddy Lumba mennya nnii bi

Na mmom akekakeka ne nkɔnkɔnsa aduro deɛ, mewɔ bi papa

Ɛfiri sɛ me ne ma Awurade ntɛm ɛyɛ kan

Me a me nana, Nana Ampadu, ne nyansasɛm a ɔde maa me nie

Nana medawoase, obiba o!

Wona wofɔn! Hu-oh!

Mama Lumba na medɔ no o

Sɛ wonte aseɛ a, (ɛnhye wo)

Maame Sɛwaa na ɛkorɔ o-o

Wei deɛ ɛhyɛ wobo, ɛwewe wo ho o

Aw mama ei, osɛefoɔ ei, hu-oh

Manya ahunu sɛ

Sɛ meyɛ na sɛ

Ɛbɛhye wo deɛ

Ɛneɛ na

Mɛyɛ akɔsi sɛ mɛte wakoma

Awia ngyae ba yi deɛ, Dada medɔ nso nsaaeɛ

Ei! Ɔbrɛfoɔ Kwadwo

Meyɛ yie a menyɛ mma wo o

Mesrɛ wo sɛ nsɛe medin, nsɛe medin, Lumba ei

(Ah!) Aw Daddy ei

Wosu no na mereyɛ o, ah

Nsɛe medin, nsɛe medin

Daddy ei

Mese na ɔbrɛfoɔ Kwadwo mese, mennyɛ mmrɛ da o

Nsɛe medin, nsɛe medin, Lumba ei

(Ah!)

Wosu no na mereyɛ o

Nsɛe medin, nsɛe medin, Daddy ei

Mese na ɔbrɛfoɔ Lumba ei mese, mensɛe da o, ah

Nsɛe medin, nsɛe medin, Lumba ei

(Ah!) Aw Daddy ei, ah

Ɔse, ɔnyɛ deɛn koraa

Nsɛe medin, nsɛe medin, Daddy ei (wodwene meho a, wodwene meho a, wona wofɔn)

(Akekakekafoɔ ei)

Ɔbrɛfoɔ Lumba ei, mese, mensɛe da o, ah

Nsɛe medin, nsɛe medin, Daddy ei (wodwene meho a, wodwene meho a, wona wofɔn)

(Akekakekafoɔ ei) ah!

Wosu no na mereyɛ o

Nsɛe medin, nsɛe medin, Daddy ei

Ɛfiri sɛ ɔbrɛfoɔ Lumba ei mese, mennyɛ mmrɛ da o (lie-lie)

Daddy Lumba/Afua Ampofoa'dan Daha Fazlası

Tümünü Görlogo