menu-iconlogo
huatong
huatong
daddy-lumbapat-thomas-gyabi-wu-a-gyabi-te-ase-cover-image

Gyabi Wu a Gyabi Te Ase

Daddy Lumba/Pat Thomashuatong
orewny2004huatong
بول
ریکارڈنگز
Ɛyɛ a na mokeka sɛ

Agyabi wua agyabi te ase ampa

Maam Fowaa asɛm nie

Ose sɛ agyabi wu na agyabi te ase ampa

Yee odede montie agyabi wua agyabi te ase ampa

Agyabi wua agyabi te ase a

Sɛ bi te aseɛ paa ɛyɛ a monkyerɛ me ɛ

Ɛyɛ a na mokeka sɛ

Agyabi wua agyabi te ase ampa

Maam Fowaa asɛm nie

Ose sɛ agyabi wu na agyabi te ase ampa

Yee odede montie

Agyabi wua agyabi te ase ampa

Agyabi wua agyabi te ase a

Agyabi te aseɛ paa ɛyɛ a monkyerɛ me ɛ

Mea na me ni awuo o agyanka eee

Mea na me se awuo a agyanka eee

Aaaaa- ma Saah awu o agyanka eee

Ɛnɛ mayɛ agyanka ba

Madane abusua panin amono- amono agyanka eee

Ɛna te aseɛ no na ɔsom abusuo oo

Na ɛyɛɛ m'adwene sɛ

Nka abusua bɛte nani ahwɛ ne mma yi nɛ

Nso ɛna akɔ wuo ama ade ayɛ me ya oo

Afei na magye adi sɛ

Oheneba ne deɛ ne deɛ te aseɛ oo

Ɛnɛ mayɛ abusua kraman

Sɛ amuso a mebua da

Sapɔfunu yɛpɛ me dahia da o

Eno awuo ooo maame awuo

Ɔbaatanpa na ɛkorɛ no

Ama Saah ama medi awerehoɔ nɛ

Ɛnti ɛkoɔna abusua ee

Ɛkoɔna abusuo e

Mose agya bi wu na agya bi te ase a

Connie kɔ paa a monkyerɛ me ɛ

Ooo agyanka eee monkyerɛ me

Monkyerɛ me sɛ mewɔ abusuafoɔ

Monkyerɛ me sɛ ɛna de me gyaa mo ooo monkyerɛ me ɛ

Monkyerɛ me sɛ mefri abusua mu

Monkyerɛ me sɛ Ama de me gyaa mo monkyere me ɛ

Agyabi wu na agyabi te ase a

Agyabi wu na agyabi te ase a monkyerɛ me ɛ

Agyabi wu na agyabi te ase o

Sɛ bi te aseɛ paa yɛ a monkyerɛ me

Bra bɛgya wo amantɛmsa

Nafa wontoma bɛbɔ me deɛ ano ɛ

Deɛ woofa mu yi mafa mu dadaada

Masie maame afeda ni

Ama Takyiman kɔɔ yɛ ɛnii nna oo

Ɛnti mame mfa duku mmɔ wo yam Kwadwo

Fidie kye aboa a ɛwɔ sɛ deɛ ɔsu

Na sɛ ɛgyae no a ɔsu soronko

Nipa suban dane sɛ afenhyiaboa

Maame wu yɛ yi ɛna m'ahu

Yɛsi wɔn anan mu a ɛnyɛ yie ee

Kwadwo Fosu akyitaafoɔ

Ama ako atɔ ama ofie ada mpan

Ama ee wiase bɛkae wo

Yɛsi wɔn anan mu a ɛnyɛ yie eeeee

Ama Saah eee

Agyabi wua agyabi te ase a

Maame awuo oo monkyerɛ me ɛ

Ooo agyanka eee monkyerɛ me

Monkyerɛ me sɛ mewɔ abusuafoɔ

Monkyereɛ me sɛ ɛna de me gyaa mo oo monkyerɛ me ɛ

Monkyereɛ me sɛ mefri abusua mu

Monkyereɛ me sɛ Ama de me gyaa mo monkyerɛ me ɛ

Agyabi wua agyabi te ase a

Sɛ ɛbi te aseɛ paa a monkyerɛ me ɛ

Agyabi wua agyabi te ase a

Sɛ ɛbi te aseɛ paa a monkyerɛ me ɛ

Daddy Lumba/Pat Thomas کے مزید گانے

تمام دیکھیںlogo