menu-iconlogo
logo

Onipa

logo
Lời Bài Hát
Yeah (Kweku Darlington)

Tuo 'ma menhu sɛ nipa nyansa mma nkwa, Nyame ei

Tɔ nkwa Nyame ei (holiba)

When you hear 'Motivation', you should know it's Jay Scratch on the beat

Yeah, urgh

Mpɛn pii, yɛka ɔdɔ ho asɛm de kyerɛ nipa

Nso nipa fom nipa a, nipa de ho abufuo bɛkum nipa

Nti yɛkyerɛ wo sɛ bu nipa, na yɛakyerɛ wo sɛ suro nipa

Wobu nipa a, suro nipa, firisɛ deɛ ɔbɛtan wo yɛ nipa

Nyame fa nipa so boa nipa nso ɛnnɛ, nipa boa nipa a

Ɔkyerɛ wiase afanan, deɛ ɔde akyɛ wo kokoam' nyinaa

Daa ɔkyerɛ sɛ ɔdɔ nipa, ɔwɔ akoma pa

Nanso nipa ho asɛm na ɔbɛka ayɛ yie a, ɛnneɛ ɔnka nokware nyinaa

Ɔse, "All die be die", n'ani akata nso ɔndaae

Aboafoɔ adɔɔso, nso aboafoɔ yi se, "Nah, nipa nni nkaeɛ"

Nti neɛ ɔbɛboa wo mmaeɛ, hunu sɛ Yesu nnaeɛ

Wadua anigyeɛ wɔ nipa mu, kae sɛ nipa na eyii Yesu maaeɛ

Ei, nipa na ɛbɛwo onipa nso ɔde bayie bɛsɛe nipa

Nipa anim adom nti, nipa sɛe nipa de kyerɛ nipa

Ɛnyɛ koraa a, wo deɛ no no, nti yɛnsusu nsɛe nipa

Ɛyɛ a na yɛn werɛ afiri sɛ nipa wu a nipa na ɛsie nipa

Nyame na ɛboa nipa, na Ɔde fa nipa so

Nipa nyɛ, nso nipa nna sumina so

Mesua no yɛka kyerɛɛ me sɛ nipa tiri mu ɔ'sum

But menyɛ sure sɛ han adamfo paa ara ne esum

Hwan nie? Na hwan nie?

Ɛnyɛ nipa a, ɛnyɛ nipa a, ka ma mentie

Ma kwan nnam', na memfam' (yeah-yeah)

Sɛ ɛnyɛ Nyame a, nka hwan nie?

Hwan nie? Na hwan nie?

Ɛnyɛ nipa a, ɛnyɛ nipa a, ka ma mentie

Ma kwan nnam', na memfam' (yeah-yeah)

Sɛ ɛnyɛ Nyame a, nka hwan nie?

Onyankopɔn na ɛbɔɔ nipa, Ɔnuu ne ho sɛ Ɔbɔɔ nipa

Ɔmaa nipa nea ɔhia nyinaa de sɔɔ no hwɛɛe sɛ ɔyɛ nipa a

Nipa hwee ase, yeraa ne kwan, bɛdane aboa nipa

Nipa mmoa nipa, nipa de ne tumi no na ehuna nipa

Pɛsɛmenkomenya ne nantitwa ne honampɛ

Ne nyaatwem, ntɔkwa nketekete, sɛenomame adane nipa fapem

Saa nipa teɛ anaa Onyankopɔn na ɛbɔɔ yɛn saa?

Maa gyata ɛse akɛseɛ sɛ ɔmfa mmɛwe adowa

Nipa hunu ɔdɔ a, nipa nya nteaseɛ a

Ɔno ara dane Nyame na ne honhom no nyane a

Ɔtumi de ne ho nanso ɔnya atinka mma ne nua

Afei na wadane 'ne nkwa', firisɛ ɔdɔ na ɛyɛ nipa

Tuo 'ma mahu sɛ nipa nyansa mma nkwa, Nyame ei

Tɔ nkwa Nyame ei

Nyame na ɛboa nipa, na Ɔde fa nipa so

Nipa nyɛ, nso nipa nna sumina so

Mesua no yɛka kyerɛɛ me sɛ nipa tiri mu ɔ'sum

But menyɛ sure sɛ han adamfo paa ara ne esum

Hwan nie? Na hwan nie?

Ɛnyɛ nipa a, ɛnyɛ nipa a, ka ma mentie

Ma kwan nnam', na memfam' (yeah-yeah)

Sɛ ɛnyɛ Nyame a, nka hwan nie?

Hwan nie? Na hwan nie?

Ɛnyɛ nipa a, ɛnyɛ nipa a, ka ma mentie

Ma kwan nnam', na memfam'

Sɛ ɛnyɛ Nyame a, nka hwan nie?

Nyame bɔɔ nipa sɛ Ne suban ne Ne sɛso

Nanso wiase nyansa ama nipa nsɛ hwee

Nipa nya deɛ ɔpɛ nyinaa na daa nkwa amma a

Nipa so mfasoɔ ara ne owuo, holiba

Motivation

Onipa của Kweku Darlington/Okyeame Kwame/Fameye - Lời bài hát & Các bản Cover