Me sugar, sugarcane a meweɛ ni, sugarcane
Sugarcane a meweɛ ne wo, m′ahwedeɛ
Oh, m'ahwedeɛ
Wonni hɔ a na m′anum ayɛ nwonwonoonwono
Ɔdɔ ei, nkɔsi nkɔn o, ɔdɔ ei, nkɔi nkɔn o, ao, m'ahwedeɛ
Menim sɛ ɔdɔyɛwu bɛkyɛ a (ɔdɔ ei, ɔdɔ ei, me ne wo bɛkɔ o)
Ɔdɔyɛwu, oh, yeah (ɔdɔ ei, ɔdɔ ei, me ne wo bɛkɔ o)
Ɔdɔyɛwu kɔ o (ɔdɔ ei, ɔdɔ ei, me ne wo bɛkɔ o)
Ɔdɔyɛwu mma? (Ɔdɔ ei, ɔdɔ ei, me ne wo bɛkɔ o)
Ɔdɔyɛwu, wo mma? (Ɔdɔ ei, ɔdɔ ei, me ne wo bɛkɔ o)
Woakɔ ama no agya me awɔse yi ah-eh?
Yie ei, na awɔse yi, ɔdɔ mma wo werɛ mfi o
Sɛ me ne wo na ɛbɔ kosua tafere ei
Baako nom aduro a, ɛ'nwono o
Ama, na wo werɛ afi anaa?
Ɔdɔ tu a matia mu, matia mu
Na ɔdɔyɛwu akɔda agya me, wai
(K Mens′s mix)
Anka menim sɛ wobɛkyɛ a (ɔdɔ ei, ɔdɔ ei, me ne wo bɛkɔ o)
Oh-oh, nka wobɛkyɛ a (ɔdɔ ei, ɔdɔ ei, me ne wo bɛkɔ o)
Nka menim sɛ wobɛkyɛ a (ɔdɔ ei, ɔdɔ ei, me ne wo bɛkɔ o)
Ooh-ooh, ɔdɔ ei (ɔdɔ ei, ɔdɔ ei, me ne wo bɛkɔ o)
Aserewa Sika Nsuo, ɔnim sɛnea ɔnwene ne buo
Nsuo tɔ a ɔwɔ anidasoɔ o, oh
Ɔdɔ nni ha yi, mɛyɛ deɛn apoma me tuo?
Ɔdɔ nni hɔ yi, mɛyɛ deɛn apoma me tuo
Ɔdɔyɛwu ayɛ mmɔbɔ
Wokɔɔeɛ akyɛ o, wokɔɔeɛ akyɛ o, Sɛɛwaa ei
Mehia w′abuburo, ebi a na magya no mpontodua ase
Menim sɛ wobɛkyɛ a (ɔdɔ ei, ɔdɔ ei, me ne wo bɛkɔ o)
Oh-oh, nka wobɛkyɛ a (ɔdɔ ei, ɔdɔ ei, me ne wo bɛkɔ o)
Nka menim sɛ wobɛkyɛ a (ɔdɔ ei, ɔdɔ ei, me ne wo bɛkɔ o)
Ooh-ooh, ɔdɔ ei (ɔdɔ ei, ɔdɔ ei, me ne wo bɛkɔ o)
Me sugar, sugarcane a meweɛ ni, sugarcane
Sugarcane a meweɛ ne wo, m'ahwedeɛ
Sugar, sugarcane a meweɛ ni, sugarcane
Sugarcane a meweɛ ne wo, m′ahwedeɛ
Oh, m'ahwedeɛ